Ohum Afahyɛ: Akyem Sɔhwɛ de nhyehyɛe fa Ohum afyahyɛ ho ato gua

0

Akyem Sɔhwɛ hene ne ne mpanyimfo de nhyehyɛe a ɛfa 2019 Ohum afahyɛ ho no ato gua ama ne manfo.

Nana ne n’atrankogua hyiam nnera, Kitawonsa 1, 2019 wɔ kurow no ahemfi. Bere a wɔhyiae no Nana maa ne mpanyimfo aso tee sɛ Ohum afahyɛ yɛ amammere ne amanne a ne nenanom de gyaa no.

Na ne saa no nti ɛwɔ sɛ ɔtoa so na nkyirimma nso ahu nea ɛyɛe a kurow no bae ne mpanyimfo a wɔkyekyeree kurow no.Nhyiam no ase no, Nana too ne nsa de frɛɛ mmabun no mu kandifo no sɛ ommetie nea ɛrekɔso na ɔmma ne mfɛfo no aso nte.

READ MORE:  Oppong-Boanuh: Acting IGP expects attitudinal change in Police

Nsɛmkyerɛwfo nso Nana angyaw wɔn mu.Nana de too gua se wɔde nnawɔtwe na asi hɔ sɛ wɔde rebɛhyɛ Ohum no sɛnea wɔyɛ no afe biara no.

Mmom, wɔde taboɔ ato dedeyɛ so nnanso wɔ ne kurow no mu.

LEAVE A REPLY

Please enter your comment!
Please enter your name here